Yoweri Kaguta Tibuhaburwa Museveni(pronounciation of "Yoweri Museveni"(help·info)) (wɔwoo no wɔɛbɔ bosome da a ɛtɔ so du num wɔ afe apem ahankron ne aduanan nan(15 sept, 1944) mu ) yɛUgandan amanyɔni ne military officer panin a ɔkɔ m'ahomegyeɛ mu a ɔyɛ mprenprenɔmanpanin wɔUgandan a ɔtɔ so nkron. Yoweri Museveni[1] na ɔka atuateɛfoɔ a etuuUganda amanpaninfoɔ Milton Obote ne Idi Amin ansa ɔrebɛtena so wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nsia (1986) mu.
Ansa na Yoweri Museveni[2]rebɛnya tumi no ɔde ne ho hyɛɛ ɔhyɛ bi a ɔde baaUgandan amanpaninfoɔ Milton Oboye ne Idi Amin so.
Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mfimfini dekɔ awieeɛ no atɔeɛ famfoɔ no dii fa maa Museveni sɛ ɔkaabibirem mpaninfoɔ foforɔ kuo no ho. Museveniɔmanpanin die no ama ɛne Congo ntɔkwa ,Rwandan Civil war ne Great Lakes mantam ntɔkwa adi afra; ɔhyɛ a Lord's Resistance Army ama no aba NorthernUgandan, a ɛde ɔhaw aba nnipa abrabɔ mu ne amammra a ɛwɔ sɛ wɔyɛ no yie, aseɛ mmerɛ a ɛwɔ sɛ amanpaninfoɔ bɛdi wɔ aban mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne num(2005) ne mfeɛ a ɛwɔ sɛ wɔdi wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson (2017) mu.
Wɔkyerɛɛ Museveni mmara no sɛ ɔhyɛ. Aban no na ɔhyɛ sɛ wɔnni dwumadie bi.[3]Bɛyɛ mfeɛ aduasa a atwam yi(30years)Ugandan aba biara nni hɔ a ɛmu ada hɔ da.[4]Wɔɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so du nsia wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako (16 Jan, 2021) mu no abatoɔ kɔmisa hunuu sɛ Museveni ankasa no ɔyi no ho sɛɔmanpanin,[5]a ɔdaa ne ho adi sɛ wadi nkunim a woanya mma ɔha mu nkyekyɛmu aduonum nnwɔtwe akyirepɔ nsia(58.6%) wɔ berɛ mfonin pii twa guu sɛ abatoɔ nkorɔfoɔ ato aba aboro so,[6] bɛyɛ sɛ beaɛ a yɛto aba ahanan na mma bɛyɛ ɔha boro so,[7] na wɔ sane seɛ mmara wɔde di dwuma no.[8]
Wɔwoo Museveni wɔɛbɔ bosome da a ɛtɔ so du num wɔ afe apem ahankron ne aduanan nan(15 Sept, 1944). N'awofoɔ ne Mzee Amos Kaguta (afe apem ahankron ne du nsia dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa (1916-2013) ɔhwɛ anantwie so ne Esteri Kokundeka Nganzi (afe apem ahankron ne du nnwɔtwe dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako (1918-2001) wɔ Rukungiri. Ɔwɔ Hima of the Kingdom of Mpororo (a seisei deɛ ɛka Ankole ho) abusuakuo mu.
Julius Nyerere kyerɛ mu a, na Museveni papa, Amos Kaguta yɛ ɔsraani wɔ King'sAfrica Rifles wɔ Second World War pɛn so.Na ɔwɔ battalion a ɛtɔ so nson mu. Enti wɔwoo Museveni no, abusuafoɔ no kaa sɛ, "ne papa wɔ mu-seven"(kyerɛ sɛ ɔwɔ nson mu). Wei na ɛmaa no nyaa edin Museveni.
N'abusuafoɔ tu firii hɔ kɔɔ Ntungamo, na afei wɔkɔɔ British Protectorate ofUgandan mu. Museveni kɔɔ Kyamate Elementary sukuu Mbarara ntoasoɔ sukuu ne Ntare sukuu a na ɛyɛ adantam ne ntoasoɔ sukuu. Ɔkɔɔ suapɔn wɔ University of Dar es Salaam wɔTanzania. Ɔsuaa economics ne Political Science. Na suapɔn a ɛwɔ hɔ saa berɛ no yɛ pan-African ne Marxist beaɛ a wɔkyerɛ amanyɔsɛm. Ɔwɔ suapɔn hɔ no, ɔtee University Students'African Revolutionary Front kuo na ɔdii asuafoɔ no anim kɔɔ FRELIMO ahennie wɔ Portuguese Mozambique ɛhɔ na ɔnyaa nkyerɛkyerɛ fa ɔko ho. Ɔsuaa adeɛ wɔ Walter Rodney nan ase ne afoforɔ, Museveni twerɛɛ suapɔn no thesis fa Frantz Fanon's adwene fa kwan aabibirem mpaninfoɔ a wɔdii ɔman no so bɛfa so asesa.
Museveni yɛ obi a na ɔyɛ Protestant ɛna na ɔsane nso yɛ Anglican asɔre no ba wɔUganda.
Ne yere a na yɛfrɛ noJanet Museveni (ne din ankasa ne Janet Kataaha Museveni,née Kainembabazi) ɔno na ɔne no woo mma nan, wɔn ne:
Lt. GeneralMuhoozi Kainerugaba – wɔwoo no afe wɔ afe apem ahankron aduoson nan (1974) mu, a na ɔyɛ Senior Presidential Advisor for Special Operations[9][10] ɛwɔUPDF[11][12]
Natasha Karugire – wɔwoo no afe wɔ afe apem ahankron aduoson nsia (1976) mu, a na ɔyɛ Fashion designer ɛne consultant. ɔwaree Edwin Karugire. na ɔno nso yɛ Private Secretary to thePresident of Uganda ɛde ma Household Affairs.[13][14]
Patience Rwabwogo – wɔwoo no afe wɔ afe apem ahankron aduoson nwɔtwe (1978) mu, na ɔno nso yɛ Pastor of Covenant Nations Church,[15] a ɛwɔ Buziga,Kampala. – ɔno nso waree Odrek Rwabwogo.[16]
Asraafoɔ a wɔtwaa wɔn asu no hyɛɛ Amin so no firiiTanzania kɔɔUganda wɔɛbɔ bosome nom wɔ afe apem ahankron ne aduoson mmienu (1972) na wɔbɔɔ wɔn saneeɛ.[18] Wɔahinime bosome nom no,Tanzania neUganda de wɔn nsa kɔtimm Mogadishu adwenekorɔ a ɛnnye ntom sɛ wɔdeTanzaniafoɔ anwea kɔ tiaUganda.[19] Museveni dwane firii n'asɔretiafoɔ nom na ɔtee Front for National Salvation wɔ afe apem ahankron ne aduoson mmiɛnsa (1973) mu.[20] WɔƆsanaa bosome no wɔ afe korɔ noa mu no ɔwaree Janet Kainembabazi.[21]
Wɔahinime bosome nom wɔ afe apem ahankron ne aduoson nnwɔtwe (Oct,1978) nom noUganda troops wuraa Kagera Salient wɔ NorthernTanzania, a wɔdeUganda-Tanzania koo baeɛ.Tanzania manpanin Julius Nyerere hyɛɛTanzania People's Defence Force(TPDF) sɛ wɔnkɔ hyɛ na wɔmmoa boaUganda ano nko ntia Amin. Ɛmaa Museveni anigyee saa mpuntuo no ho. Wɔɔpɛnimaa bosome nom wɔ afe apem ahankron ne aduoson nnwɔtwe (1978) mu no Nyerere de ne ho bɔɔ Museveni ne n'akofoɔ kɔɔTanzania wɔ berɛ a na Brigadier Silas Mayunga wɔ aban mu.[22]
↑"Opinion: Open letter to President Yoweri Tibuhaburwa Kaguta Museveni".Nile Post. 21 December 2020. Retrieved 13 April 2021.
↑Kagoro, Jude (2016), Bogaards, Matthijs; Elischer, Sebastian (eds.), "Competitive authoritarianism in Uganda: the not so hidden hand of the military",Democratization and Competitive Authoritarianism in Africa, Springer, pp. 155–172, doi:10.1007/978-3-658-09216-0_9,ISBN 978-3-658-09216-0
↑"Is it true that Uganda has not had held a fair and transparent election in 30 years?".Pesacheck