Yalta(sɛnea yɛbɔ "Yalta" (help·info) (Ukrainian neRussian: Я́лта) yɛ ahomegyeɛ bea a ɛwɔ Crimean Peninsula anaafoɔ mpoano a ɛpo tuntum (Black sea) etwa ɛho ahyia. Edi dwuma sɛ amammuo bea ma Yalta mansini, aman a ɛwɔ Crimea no mu baako. Nnipakan a etwaa mu no, na kuro no wɔ nnipa dodoɔ mpem aduoson nsia, ahanson ne aduanan nsia (76,746) wɔ ( mfeɛ mpem mmienu ne dunan 2014 nnipakan mu).[1]
Kuro no wɔ tete Greek Yalita[2] amammuo mu. Wɔn a wɔsusu sɛ wɔtee kuro no ne Greek atenaefoɔ a na wɔrehwewɛ mpoano a ɛhɔ dwoɔ atena. Ɛwɔ mpoano a ɛmu dɔ yie a n'ani kyerɛ ɛpo tuntum, a bepɔ Ai-Petri etwa ho ahyia.
Beaeɛ no bɛgyee din berɛ a wɔyɛ wɔn Yalta nhyiam sɛ deɛ eka Allied World War II wɔ afe 1945 mu.
Edin " Greater Yalta" yɛ din bi a wɔde ahyɛ Crimean anaafoɔ mpoano fa baabi a ɛkata firi Foros a ɛwɔ Gurzuf atɔeɛ wɔ apueeɛ fam ɛne kuro Yalta ne nkuro bebree a wɔn.
Ukrainian nnipakan a wɔyɛɛ no wɔƆpɛpɔn bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako mu (2001) no, na nnipa dodoɔ a ɛwɔ Yalta yɛ mpem aduowɔtwe, ne ahanum (80,500). Ɛmu nnipakuo mu nkyekyɛmu ne:Russian foɔ dodoɔ (ɔha nkyekyɛmu aduosia num ne akyirepɔ num 65.5%),Ukrainian foɔ dodoɔ (ɔha nkyekyɛmu aduonu num ne akyirepɔ nson 25.7%), Belarusians foɔ dodoɔ (ɔha nkyekyɛmu baako ne akyirepɔ nsia 1.6%), ne Crimean Tatars foɔ nso dodoɔ yɛ (ɔha nkyekyɛmu baako ne akyirepɔ mmiɛnsa 1.3%).[3] Nnipa dodoɔ no ara kaRussian kasa sɛ wɔn awoɔ kasa. Saa nnipakuo dodoɔ yi nhyɛ nkurase a ɛbɛn ne nkuro nketewa. Nnipa dodoɔ a ɛwɔ wɔn mpotam dodoɔ yɛ mpem ɔha ne aduasa nkron, ne ahanum (139,500).
↑"Archive copy". Archived fromthe original on 2012-08-28. Retrieved2022-02-23.{{cite web}}:Unknown parameter|dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
↑"Archive copy". Archived fromthe original on 2021-05-16. Retrieved2022-02-23.{{cite web}}:Unknown parameter|dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)