WarszawaNew World Street, one of the main shopping promenades in WarsawNeoclassical Commission Palace, the house of the city's government
Warszawa[1] yε kuro titiriw a ɛwɔPoland. Warszawa ɛyɛPolandi ahenkuro a emu nipa ɛyɛ opipipi 1.729.119.
Warsaw (Polish:Warszawa [varˈʂa.va] (listen)), mmara mu noWarsaw yɛ ahenkuro,[2][3] na ɛno ne kuro a ɛso yie pa ara wɔPoland man no mu. ɛyɛ metropolis a ɛda asubɔntene Vistula so wɔPoland apuiɛ-mfimfin mantam (east-central ) no mu na nnipa a wɔtete kuro no mu no wode w'ani bubu a wɔn dodoɔ bɛyɛ Ɔpepepem baako ne akyire pɔ nwɔtwe (1.8 million), a wɔn nyinaa wotete greater metropolitan fa mu hɔ no nso bɛyɛ Ɔpepepem mmiensa ne akyire pɔ baako (3.1 million)[4], a yei ma Warsaw kuro no bɛyɛ ahenkuro a ɛtɔ so nson a ɛmu nnipa dɔɔ so yie pa ara wɔ European Union.
Warsaw din ankasa wɔPolish kasa mu neWarszawa. Nkane no edin ahodoɔ a na nka wɔde frɛ kuro yi ne sɛdeɛ na wɔtwerɛ no no bi neWarszewa,Warszowa,Worszewa anaaWerszewa[5][6]. Edin yi abɔseɛ anaa baabi korɔ pɔtee a wɔnyaa saa edin yi firiiɛ deɛ, obiara nnim de bɛsi nnɛ.[7][8] Nkane no, na Warszawa yɛ din a wɔde frɛ namyifoɔ beaeɛ bi a na ɛwɔ asubɔntene Vistula ano pɛɛ[9].
Ɛfiri mmerɛ a wɔkyekyeree kuro a yɛfrɛ no sɛ Warsaw no asom ahodoɔ beberee na wɔdi wɔn dwumadie wɔ hɔ ɛno nti ama kuro no ayɛ kuro a amammerɛ ahodoɔ ne ɔsom ahodoɔ adi afra.[10] Afe apem ahankron ne baako nnipa ne adan akenkan (1901 census) dwumadie no kyerɛɛ sɛ, nnipa a wɔtete kuro no mu no dodoɔ yɛ 711,988 na ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu 56.2% na wɔkɔ Catholic asɔre no bi, ɛmu ɔha mu nkyekyɛ mu 35.7% nso yɛ Jewfoɔ, ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu 5% nso yɛ Greek Orthodox akristofoɔ ɛna ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu 2.8% nso yɛ Protestantfoɔ.[11] Mfie nwɔtwe akyi wɔ afe 1909 mu no,Jewsfoɔ no dodoɔ no kɔduruu 281,754 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu (36.9%), Protestantfoɔ no nso dodoɔ no kɔduruu 18,189 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu (2.4%) ɛna na nnipa no mu 2,818 nso yɛMariavites foɔ a wɔn dodoɔ no gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu (0.4%).[12] Yei nam so maa wɔsisii hyiadan ahodoɔ bɛboro ɔha ne akyire ne twaa kuro no mu nyinaa hyiaeɛ.
↑Geert Mak (2008).In Europe: travels through the twentieth century. New York: Pantheon Books. p. 427. ISBN 978-0-307-28057-2.Today Warsaw is a monocultural city, which is some people's ideal. But before 1939 it was a typically multicultural society. Those were the city's most productive years. We lost that multicultural character during the war.
↑Hermann Julius Meyer (1909).Meyers Konversations-Lexikon (in German). Vol. 20 (6th ed.). Leipzig and Vienna. p. 388.
↑Erich Zechlin (1916).Die Bevölkerungs- und Grundbesitzverteilung im Zartum Polen [The distribution of population and property in tsaristic Poland] (in German). Berlin: Reimer. pp. 82–83.