Movatterモバイル変換


[0]ホーム

URL:


Jump to content
Wikipedia
Hwehwɛ

Romania

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔAsante kasa mu
Romania

Romania(About this soundpronounciation of "Romania" (help·info)) (România) yε ɔman.Bucarest yε Romania ahenkuro. Emu nipa dodoɔ yɛ 21,457,116 (2018).

Romania ɛ ɔman a ɛdaCentral,Eastern ɛneSoutheastern Europe ntam. ɛneBulgaria bɔ hyeɛ wɔ Anaafoɔ fam, ɛna ɛneUkraine nso bɔ hyeɛ wɔ Atifi fam[1], ɛneHungary nso bɔ hyeɛ wɔ Atɔeɛ fam, ɛneSerbia nso bɔ hyeɛ wɔ AnaafoɔAtɔeɛ fam, ɛneMoldova nso bɔ hyeɛ wɔ Apuiɛ fam ɛna ɛneBlack Sea nso bɔ hyeɛ wɔ AtɔeɛApuiɛ fam.[2][3] Romania yɛ ɔman kɛseɛ a ɛtɔ so du mmienu a ɛwɔ Europe aborɔkyi man mu, na ɛno nso ɔman a ɛtɔ so nsia a agye din yie pa ara wɔEuropean Union[4] kuo mma no nyinaa mu. N'ahenkuro ne ne kuro a ɛso yie pa ara neBucharest, ɛna afei nkuro akɛseɛ ahodoɔ bi te sɛIași,Cluj-Napoca,Timișoara,Constanța,Craiova,Brașov, neGalați.[2][3]

Neacșu's letter from 1521, the oldest surviving document written inOld Romanian

Fahodie ne amanmuo

[sesa]
Changes in Romania's territory since 1859

Treaty of Küçük Kaynarca maaRussian ananmusini a ɔwɔIstanbul kwan sɛ ɔmɔ Moldavia ne Wallachia nsaase ho ban (a yɛfrɛ no sɛDanubian Principalities) wɔ afe apem ahanson aduoson nan (1774) mu.[5] ɛsianeGreek War of Independence no nti no, Wallachian nipa titirew bi a wagye din, Tudor Vladimirescu, suae ko de tiaa Ottomans foɔ no wɔ ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe apem ahawɔtwe ne aduonu baako (1821) mu,[6] na mmom yɛkuu no wɔ Ayɛwohomumɔ bosome no mu a ɛyɛ Phanariot foɔ a wɔwɔ Greek mu na wɔkuu no. Berɛ aRusso-Turkish War foforɔ no twaa mu no,Treaty of Adrianople hyɛɛ Danubian Principalities nsaase ho banbɔ ne de a wɔde wɔn ho no mu kena wɔ afe apem ahawɔtwe ne aduonu nkron (1829) mu, ɛwom sɛ ɛno nso boa maa sultan tumi de sii abatoɔ a wɔto yii prince ahodoɔ no so dua.[7]

Wiem nsakyeraeɛ ahodoɔ[8]

[sesa]

|-!Location ! July (°C) ! July (°F) ! January (°C) ! January (°F)|-

|Bucharest || 28.8/15.6 || 84/60 || 1.5/−5.5 || 35/22|-

|Cluj-Napoca || 24.5/12.7 || 76/55 || 0.3/−6.5 || 33/20|-

|Timișoara || 27.8/14.6 || 82/58 || 2.3/−4.8 || 36/23|-

|Iași || 26.8/15 || 80/59 || −0.1/−6.9 || 32/20|-

|Constanța || 25.9/18 || 79/64 || 3.7/−2.3 || 39/28|-

|Craiova || 28.5/15.7 || 83/60 || 1.5/−5.6 || 35/22|-

|Brașov || 24.2/11.4 || 76/53 || −0.1/−9.3 || 32/15|-

|Galați || 27.9/16.2 || 82/61 || 1.1/–5.3 || 34/22|}


Administrative mu nkyekyɛmu ahodoɔ

[sesa]

Romania man no wɔ nkyekyɛmu ahodoɔ aduanan baako (41counties) (județe, pronounced judetse) ɛna municipality ofBucharest nso ka ho.County biara no, wɔn a wɔhwɛ so ne county council foɔ, wɔn na wɔhwɛ kuro na daadaa akɔneaba so, saa ara nso na sɛ ɛba no ɔman no nyinaa amanmuo no mu nso no, wɔn ara na wɔkɔhyɛ kuro no anan mu. Panin a wɔda wɔn ano no, ɛyɛ ɔmanpanin a ɔda ɔman no ano no na ɔyi no na mmom ɛnni ho kwan sɛ saa nipa korɔ no firi amannyɔkuo biara mu.[9] County biara nso wɔasane akyekyɛmucities necommunes ahodoɔ, a ɛmu biara nso wɔ ne mayor ɛne ne local council. Yɛwɔ cities ahodoɔ aahaasa ne aduonu (320) ɛna communes ahodoɔ mpem mmienu ne aduowɔtwe aduosia baako (2,861) na ɛwɔ Romania man no mu.[10]

Development regionArea (km2)Population (2011)[11]Most populous urban centre[12]
Nord-Vest34,1592,600,132Cluj-Napoca (411,379)
Centru34,0822,360,805Brașov (369,896)
Nord-Est36,8503,302,217Iași (382,484)
Sud-Est35,7622,545,923Constanța (425,916)
Sud – Muntenia34,4893,136,446Ploiești (276,279)
București - Ilfov1,8112,272,163Bucharest (2,272,163)
Sud-Vest Oltenia29,2122,075,642Craiova (356,544)
Vest32,0281,828,313Timișoara (384,809)

Kasa ahodoɔ

[sesa]
Main articles:Romanian language andLanguages of Romania
Map of Romanian language frequency as spoken in Romania by districts (according to the 2011 census)
Map highlighting the use of the Romanian language worldwide, both as a native and as a foreign language

Kasa ahodoɔ a ɔman no mmara ma ho kwan wɔ Roman, ne kasa a yɛfrɛ no sɛ Romance kasa (ɛno na nnipa dodoɔ no ara ka no wɔEastern Romance branch),[13] a ɛne kasa ahodoɔ bi te sɛAromanian,Megleno-Romanian, neIstro-Romanian kasa[14] nyinaa wɔ biribi a ɛsesɛ, na mmom ɛne kasa ahodoɔ pii te sɛWestern Romance languages nso wɔ nnoɔma bi a ɛsesɛ titireɛ neItalian, French, Spanish,Portuguese, neCatalan.[15]

Romanian alphabet no wɔ atwerɛdeɛ ahodoɔ aduonu nsia (26) a ɛte sɛ standard Latin alphabet no ankasa, a ɛne atwerɛdeɛ ahodoɔ num ahyɛnsodeɛ nso wɔ ho no bi te sɛ (yei neă,â,î,ț, neș), ne nyinaa ka bɔm a ɛyɛ aduasa baako (31).[16]

Romanian[17] yɛ kasa a nnipa dodoɔ bɛyɛ ɔha mu aduokron (90%) ka no sɛ wɔn kasa a ɛdikan, wɔ ɔman no mu nipa dodoɔ nyinaa, berɛ a ɛbi nso kaHungarian a wɔn dodoɔ yɛ nipa no mu ɔha mu nkyekyɛmu nsia ne akyire pɔ mmienu (6.2%) neVlax Romani kasa no a wɔn nso dodoɔ yɛ ɔha mu nkyekyɛmu baako ne akyire pɔ mmienu (1.2%).[18]







Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]












Nsɛm a ɛwɔ saa atwerɛwsɛm yi musua. Wobɛtumidi bi aka ho aboa Wikipedia.
  1. https://www.usnews.com/news/best-countries/romania
  2. 12https://www.bbc.com/news/world-europe-17776265
  3. 12https://www.britannica.com/place/Romania
  4. https://european-union.europa.eu/principles-countries-history/country-profiles/romania_en
  5. Hitchins 2014, p. 68.
  6. Georgescu 1991, pp. 103–104.
  7. Hitchins 2014, p. 81.
  8. "Klimatafel von Rumänien".
  9. "Geografia Romaniei" (in Romanian). descopera.net. Archived from the original on 19 February 2009. Retrieved 7 September 2009.
  10. Romanian Statistical Yearbook 2017 (PDF) (Report). National Institute of Statistics (Romania). 2018. Retrieved 7 June 2018.
  11. "2011 Regions Population". INSSE. 4 July 2013. Archived from the original on 29 September 2013. Retrieved 9 July 2013.
  12. "Population at 20 October 2011" (in Romanian). INSSE. 5 July 2013. Retrieved 5 July 2013
  13. https://www.britannica.com/topic/Romanian-language
  14. https://www.bbc.co.uk/languages/european_languages/countries/romania.shtml
  15. "Romanian Translation | Romanian, Italian, English & French translations"
  16. "Romanian Translation | Romanian, Italian, English & French translations"
  17. https://www.educations.com/study-guides/europe/study-in-romania/language-culture-14301#:~:text=The%20official%20language%20of%20Romania,of%20Romanian%20people%20live%20abroad.
  18. "Iarna Ucraineană – Află care sunt localitățile din Maramureș în care se prăznuiesc sărbătorile de iarnă după rit vechi"
Yɛ yi fii "https://tw.wikipedia.org/w/index.php?title=Romania&oldid=184896"
Nkyekyɛmu:
Nkyekyɛmu a yɛ de asie:

[8]ページ先頭

©2009-2026 Movatter.jp