Rio de Janeiro yε kuro a ɛwoBrazil. Ɛyɛ kuro ɔto do ebien a wɔagye din paa wɔ Brazil ne ma ɔto do nsia wɔAmerika. Rio de Janerio yɛ ahenkuro wɔ state a ne din de saa ara mu, ahenkuro ɔto do mmiɛnsa a ɔtoa Sao Paulo ne Minas Gerais so. Wɔde kuro yi fa bi ayɛ wiase nkaebea anaa nsrahwɛ bea (World Heritage Site) na din ɔda so yɛ "Rio de Janeiro: Carioca asaase a ɔda mmepɔw ne ɛpo ntam", wɔKitawonsa bosome no da a ɛdi kan (1), wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu (2012) mu no nso sɛ amambrɛ asaase.[1]
Portuguesefo na wɔkyekyere kurow yi wɔ afe apem ahanum aduosia num (1565) mu[2]. Na kuro no yɛ Rio de Janeiro fo asoɔyɛ,Portuguese akannifo no nkuro na wɔdi so no mu kor. Wɔ afe apem ahanson aduosia mmiensa (1763) mu no, wɔde yɛɛ ahenkuro wɔBrasil state, state a naPortuguese Empire no na na ɛwɔm. Wɔ afe apem ahanwɔtwe ne nwɔtwe (1808) mu no, adekyeɛ asɛnii to tu bɛtenaaBrazil na wɔde Rio de Janeiro yɛɛ asɛnniibea kunini maa ƆhemaaMaria Ia ofiPortugal. Ɔhemaa yi de nkakrakakra maaBrazil man no nyaa anuonyam wɔ ahenni ahorow mu aber na ne ba Nanaba Regent Joao VI diPortugalfo no anim wɔUnited Kingdom of Portugal, Brazil, and Algarves. Rio kɔɔ so ara yɛɛ ahenni no ahenkuro kɔsii afe apem ahanwɔtwe ne aduonu mmienu (1822) mu, aber aBrazilfo ahofadi ntɔkwa no fii ase.
Eyi ade ntaa nhu sɛ ahenkuro a ɛwɔ ɔman fofor mu bedan man fofor so kuropɔn esiane sɛ wodii so enti. Rio de Janeiro kɔɔ so yɛɛ ahenkuro maaEmpire of Brazil ahenni a w`anya fa ho die kosii sɛ, wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduowɔtwe nkron (1889)
WɔBrazil man mu ha deɛ Bɔɔlobɔ akansie ne agorɔ a agye din yie pa ara wɔ ha. Bɔɔlobɔkuo ahodoɔ akɛseɛ a ɛwɔ Rio de Janeiro ha no mu bi ne Flamengo, Vasco da Gama, Fluminense ne Botafogo.[3] Madureira, Bangu, Portuguesa,America ne Bonsucesso nyinaa nso yɛ bɔɔlobɔkuo nketoa.[4] Bɔɔlobɔfoɔ ahodoɔ a wagye din yie pa ara a wɔfiri kuro yi mu bi ne Ronaldo ɛne Romario.[5]
Rio de Janeiro yɛ nkuro ahodoɔ a wɔsii akan wɔ hɔ berɛ a na wiase amanaman nyinaa bɔɔlobɔ akansie kɔɔ so wɔBrazil mu wɔ afe apem ahankron aduonum (1950) ne afe mpem mmienu ne du-nan (2014) FIFA World Cup ahodoɔ yi mu no, saa berɛ ahodoɔ mmienu yi nyinaa naBrazil na na dwumadie no nyinaa si wɔn mmatiri so.
Wɔ afe apem ahankron aduonum (1950) mu no, wɔsii agokansie ahodoɔ nwɔtwe wɔ Maracana agoprama no so, a na ɛhɔ naBrazil man no sii wɔn akan nyinaa gye baako pɛ na wammɔ no wɔ hɔ. Na Maracana agoprama no nso yɛ agoprama a akansie baako bi kɔɔ so a na ɛrekyerɛ aman mmienu hyɛberɛ a na ɛyɛ akansie a ɛkɔɔ so wɔ Uruguay neBrazil ntam, a saa merɛ no naBrazil foɔ hyia sɛ agokansie no bɛpae na watumi adi nkunim wɔ wɔn a wɔne wɔn firi kuo baako mu no so. Nanso fofie anto Atta, ɛkɔ wie aseɛ no naBrazil foɔ adi ntwo, ɛka mmienu ma wɔtee ka no mu baako pɛ (2–1) wɔ wɔn ankasa manfoɔ a na wɔahyɛ agoprama no so ma a wɔn dodoɔ bɛboro mpem ɔha aduokron nkron (199,000). Wɔ afe mpem mmienu ne du-nan (2014) mu no, wɔsii agokansie ahodoɔ nson wɔ Maracana agoprama no so, a na akansie a wɔde wiee dwumadie no nyinaa no nso ka ho aGermany diiArgentina so nkunim ka baako a wantumi ante (1–0).[6]