Hemorrhoids (anaa haemorrhoids), a wɔsan frɛ no kooko, yɛ yareɛ a ɛsi wɔ yɛ to kwan no mu.[1] Wɔ ne daadaa tebea mu no, ɛyɛ adeɛ bi a ɛyɛ mrɛ a ɛno na ɛboa hwɛ ɔkwan a yɛfa so gya yɛn nan no.[2] Sɛ ɛhono anaa ɛyɛ hye a, ɛno na ɛbɛyɛ yareɛ no; saa berɛ yi no yɛnfrɛ no kooko bio na yɛka sɛ ɛyɛ yareɛ.[3] Kooko ho nsɛnkyerɛnne ne mpopoeɛ no gyina sɛdeɛ ɛteɛ mprenpren no.[4] Mpɛn pii no kooko a ɛsi wɔ nipadua no mu nnyɛ ya,na deɛ wobɛhunu ne sɛ wogya wo nan a wobɛhunu mogya wɔ mu. Na kooko a ɛsi wo to kwan no deɛ,ɛyɛ ya na ɛsan nso ma faako hɔ no hono.[5] Sɛ mogyatuo hyɛ aseɛ a,ɛyɛ a na ɛyɛ tuntum. Sɛ ɛdi nna kakra a,na ɛho mpopoeɛ no dwo kakra.Afei sɛ wɔsa kooko a ɛsi nipadua no ani wie a,ahyɛnsoɔ tuntum bi sisi wedeɛ no ani.[6]
Sɛdeɛ yɛnnim dekodeɛ pɔtee a ɛde kooko ba no, yɛgye di sɛ nneɛma bi na ɛkɔ so wɔ yɛayase.[7] Ɛbi ne ayamtim,ayamtuo, ne sɛ woretena agyananbea so akyɛ sɛ woregya wo nan a.[8] Nyinsɛn mu nso kooko nnyɛ na koraa.[9] Wɔhwɛ faako a yareɛ no wɔ no ansa na wɔasa yareɛ no. Nnipa binom wɔ hɔ a,sɛ wɔhunu mpopoeɛ biara wɔ wɔn to kwan no a,wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ kooko nanso na ɛnyɛ nokorɛ,na ɛnsɛsɛ wɔbu wɔani gu deɛ ɛde yareɛ no ho mpopoeɛ ba no so. Wɔgye to mu sɛcolonscopy nesigmoidoscopy yɛ kwan pa ɛtumi yi deɛ ɛde yareɛ no ba no firi hɔ koraa.[10]
Mpɛn pii no,ɛnhia ayarehwɛ soronko biara.[11] Nhehyɛeɛ a wobɛdi kan ayɛ ne sɛ wobɛdi nhahamma aduane,wobɛnom nsuo beberee, naNSAIDS nso aboa ayi yaw no,ne deɛ ɛkeka ho nyinaa.[12] Wobɛtumi de nnuro a wɔayɛ no nku no ayɛ faako a yareɛ no wɔ no,nanso adwuma a aduro no bɛyɛ no bɛdi adanseɛ ama wɔahunu. Sɛ ɛho mpopoeɛ no ano yɛ den anaa sɛ anya banbɔ papa biara a,wɔbɛtumi afa akwan ahodoɔ so ahwɛ. Wɔyɛ sɛɛgyiri ma wɔn a wɔanyɛ saa nhyehyeɛ yi.[13]
Sɛ yɛhwɛ a, bɛyɛ sɛ nnipa mu ɔha mu nkyekyɛmu aduonum de kɔsi ɔha mu nkyekyɛmu aduosia (50%-66%)na wɔwɔ kooko ho haw wɔ wɔn abrabɔ mu.[14] Mmarima ne mmaa nyinaa nya yareɛ yi bi pɛpɛɛpɛ. Kooko taa nya nnipa a wɔadi aduanannum ne aduosianum ntam,[15] na ɛnyɛ na wɔ adefoɔ mu. Na deɛ ɛfiri mu ba no,ɛyɛ a na ɛyɛ.[16][17]
Yareɛ yi, deɛ ɛdi kan no firi Misrim papyrus bɛyɛ afe apem ahanson ansa na wɔrebɛwo Kristo no(1700BC).
Bɛyɛ nnipa mu ɔha mu nkyekyɛmu aduanan a wɔwɔ yareɛ mmoawa no bi no,yɛnni mpopoeɛ biara a ɛhia.[18] Kooko a ɛsi sɔ nipadua no mu ne deɛ ɛsi wɔ nipadua no ani no mu biara wɔ sɛdeɛ ɛsi ba; nanso yɛwɔ nnipa binom a wɔnya ne mmienu nyinaa. Ɛtumi si sɛ mogyatuo bɛtumi ama wo mogya awe,na ahupoo mogyatuo nso nyɛ na koraa. Nnipa beberee wɔ hɔ a wɔyɛ basaa sɛ wɔnya saa haw yi a, na mpɛn pii no sɛ yareɛ no mu yɛ den a na wɔkɔ ayarehwɛ.[19]
Deɛ ɛde kooko ankasa ba no deɛ, wɔnnim.[20] Wɔgye di sɛ nneɛma ahodoɔ binom na ɛde ba, a ɛbi ne sɛ worentumi nnya wo nan yie (ayamtim anaa ayamtuo), sɛ wo ntentene wo mpɔ mu, nnuanenuro(nnuane a ahoɔden nni mu), sɛ biribi bɛkɔ so ara ahyɛ w’ayase, mogya mu, sɛ nhoma no bi ayera afiri wo ntini no mu, ne wo nkwamoa ahoɔden a akɔ fam no. Nneɛma binom nso a wɔgye di sɛ ɛyɛ hu ne sradeɛ a adɔɔso wɔ nipadua no mu, afei sɛ wobɛtena ase akyɛ pa ara.[21] Ɛwa koankorɔ, ne sɛ ntini no anaa nnompe no bi antumi anyɛ adwuma.[22] Sɛ wogya wo nan berɛ a wokoto hɔ a,ɛtumi ma wonya kooko a ano yɛ den pa ara. Deɛ ɛdi weinom ho adanseɛ no,nni nyinasoɔ papa biara. Afei obi a ɔma ne ho kwan ma wɔdi ne trumu no,wɔsusu sɛ ɛtumi de kooko ba.[23][24][25] Sɛ ɛduru awoɔ mu a,ɔhyɛ a ɛfiri awodeɛ no ne ayaase ba no tumi ma ntini a ɛwɔ trumu kwan no yɛ kɛse. Sɛ wɔrewo abɔfra nso a,ɛtumi de ɔhyɛ ba ayaase no mu. Mmaa a wɔanyinsɛn hia sɛ wɔyɛ wɔn sɛɛgyiri,sɛdeɛ ɛho mpopoeɛ no yi no adi berɛ a wɔawo awie no.[26]
Wɔagye nhyehyɛeɛ ahodoɔ binom a ɛsɔ yareɛ no ano ato mu,a ɛbi ne sɛ wonhyɛ wo ho beberee berɛ a woregya wo nan no, wobɛdi nhahanma aduane na wo anom nsuo beberee anaa nhahannuro de asi ayamtim anaa ayamtuo ano na afei wo atentene wo mpɔ mu.[27][28] Sɛ woregya wo nan nso a, ɛnkyɛ beberee wɔ agyananbea hɔ, wobɛgyae akenkan berɛ a wohyɛ agyananbea so, na afei wɔn a wɔn mu yɛ duru no wɔbɛbɔ mmɔden ate wɔn mu duro no so na woagyae nneɛma a ɛmu yɛ duru nso fa.Wei nyinaa no wɔagye ato mu sɛ ɛboa sɔ yareɛ no ano.[29]
Ayarehwɛ a wɔde yi ɛho mpopoeɛ no firi hɔ no bi ne sɛ wobɛdi nnuane a nhahanma wɔ mu,wobɛnom nsuo beberee sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛnya nsuo pii wɔ nipadua no mu,nnuro bi te sɛ nonsteroidal anti-inflammatory nso boa,ne sɛ wobɛtena nsuo a ɛnyɛ hye pii mu, ne deɛ ɛkeka ho nyinaa.[30][31] Wɔahunu sɛ wokɔ so ara di nhahanma a ɛde nsunsuansoɔ papa ba na ɛbɛtumi ayɛ sa ara berɛ a woresesa nnuane no anaa sɛ wobɛnom nhahanma nnuro.Adanseɛ a ɛkyerɛ mfasodeɛ sɛ wobɛtena nsuo a ɛnyɛ hye pii mu wɔ ayarehwɛ mu no reyera. Na sɛ wobɛyɛ a,ɛwɔ sɛ ɛyɛ sima dunnum berɛ biara.Sɛ worenkyɛ wɔ agyananbea so ne sɛ wonhyɛ wo ho bebree nso yɛ.[32]
Ɛyɛ den sɛ wobɛtumi ahunu nnipa dodoɔ a wɔwɔ kooko yareɛ yi bi sɛ wɔankɔhunu apɔmuden nipa ma wanhwɛ no a.[33][34]Mmom, wɔahunu sɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ kooko nya nnipa dodoɔ bɛyɛ ɔha mu nkyekyɛmu aduonum wɔUS aburokyiman mu wɔ wɔn bra mu, na ɛmu bɛyɛ ɔha mu nkyekyɛmu nnum nso ɛtumi nya wɔn berɛ biara. Mmarima ne mmaa nyinaa nya yareɛ no,a ɛhyehyɛ firi wɔn a wɔadi mfeɛ aduanan nnum ne aduosia nnum ntam.[35] Yareɛ yi nyɛ na koraa wɔ Broni fitaa (Caucasian), borɔno so a wɔn mpuntuo kɔ anim no.
Nhyehyɛeɛ a ɛkyɛ no yɛ pa ara,ɛwɔ mu nnipa no bi wɔ hɔ a wɔnya ɛho nsɛnkyerɛnne.Nnipa no mu kakra bi na ɛkɔwie wɔn sɛɛgyiri.
Ɛyɛ afe apem ahankron ne aduowɔtwe no (1980) wɔyiibaseball bɔfoɔ George Brett firii akansie mu wɔHall-of-fame ɛsiane kooko ho yaw nti.Wɔyɛɛ no sɛɛgyiri wieeɛ no,ɔkɔsii akan wɔ akansie a na ɛdi hɔ no mu, na ɔkaa sɛ "Me haw nyinaa bɛn me".[36] Na Brett sane kɔyɛɛ sɛɛgyiri foforɔ.[37]
Ɛyɛ Glenn Beck a ɔyɛ amammuo ho nkyerɛnkyerɛmufoɔ kɔyɛɛ kooko ho sɛɛgyiri, na ɔkyerɛɛ mu nneɛma bi a n’ani anye ho wɔYouTube mfonini mu wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) no mu.[38][39]
U.S manpanin dada Jimmy Carter nso kɔyɛɛ kooko ho sɛɛgyiri wɔ afe apem aduowɔtwe ne nnan (1984) no mu.[40]
ƐyɛCricketeters Mathew Hayden ne Viv Richards nso faa saa tebea no mu bi.[41]
Berɛ a wiase ako a ɛtɔ so mmienu no siiɛ no,General S.Patton yiiUS ɔsraani Lieutenant Colonel Harold Cohen sɛ ɔnmoa ne ho na ɔnkɔgye Patton asew mfiri German afiase; wɔsii Cohen kwan a wamma no anni dɔm no anim ɛsiane kooko nti. Patton no ara ankasa hwɛɛ Cohen na ɔkaa sɛ, "kafra wɔ wo to no".[42]