Asoroben (brɔfo kasa mu, Migraine) yɛ tir mu yare a emu yɛ den a mpɛn pii no ɛmatipaeɛ yaw yɛ kɛse.[1][2] Asoroben a ɛwɔGhana, te sɛ wiase mmeae pii no, de akwahosan ho asɛm titiriw ba, titiriw wɔ mmerante ne mmabaa mu.[3][4]
Nneɛma ahorow ebetumi de Asoroben aba ne awosu, asetra kwan, nenneɛma a atwa yɛn ho ahyia a enye a abu so wɔ Ghana. Nneɛma no bi nye adwennwen, aduan mu nneɛma enye, ne nkwaadɔm mu nsakrae.[5][6]
Akwahosan ho nneɛma ne nteteɛ a ɛfata a enni hɔ na ama wɔadi Asiriben ho dwuma yiye wɔ ɔman no mu yɛ nso ka ho na saa yareɛn yi ɛrenya nkɔanim.
Sɛnkyerɛnne ahorow no betumi ayɛ ɔfe, adwene a entumi nyɛ adwuma yiye, allodynia, ne ɔbrɛ. Nnipa a wɔte atiridiinini no mu bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 15 kosi 30 nya aura, na bi nso ntaa nya aura(biribi a ɛda yɛn nkate, adwene ne honhom fam akwahosan adi).
Mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi Asoroben ho dwuma wɔ Ghana no twe adwene si akwahosan ho nhyehyɛe a wɔbɛma atu mpɔn na wɔakyerɛkyerɛ ɔmanfo asetra mu nsakrae a eye na wɔadi so no so. Wɔkamfo nneɛma a ɛnyɛnnuruyɛ te sɛ adwennwen so di, aduan mu nsakrae, ne nna a wɔda yie daa kyerɛ na aboa ma Asoroben a ɛtaa ba ne sɛnea emu yɛ den no so tew.[7][3]