Anidane (brɔfo kasa mu, Dysmenorrhea) yɛ ɛyaw a ɛba bere a obaa bi rekɔ afikyi anaa ayɛ bra mu[1][2]. Wɔsan frɛ no Afikyikɔ mu ɛyaw, anaa brayɛ mu haw.[3][4] Ɛyɛ akwahosan ho asɛm titiriw a ɛka mmea pii wɔGhana.[5][6]
Wɔtaa kyɛ Anidane mu abien: nea edi kan ne nea ɛto so abien. Anidane a edi kan ba abere a aduruyɛ mu tebea biara nni hɔ, nanso Anidane a ɛto so abien no ba aber a onii no wɔ Awodeɛ mu haw.
Anidane yɛ Afikyikɔ a ɛyɛ yaw, na sɛnkyerɛnne ahorow a wohu no bi nneAbofono, ɔfe, ɔbrɛ, ne ma ɔka ho.[3] Ɛyaw no taa wɔ akyi berɛmo anaa yafunu no ase. Ɛyaw no taa wɔ ayaase anaa yafunu no ase. Nsɛnkyerɛnne afoforo betumi ayɛAkyiyadeɛ.
Mpɛn pii no, wɔde aduruyɛ mu abakɔsɛm a ɛfa Afikyikɔ mu yaw a ɛmma wontumi nyɛ da biara da dwumadi ahorow so na ɛkyerɛ sɛ obi anya Anidne a ɛmu yɛ den.
Anidane ɛntaa nsi wɔ wɔn a wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu daa ne wɔn a wɔwo mma wɔ wɔn mmofraase no mu. Nea wobetumi de aka n'yaresa no ho ne sɛ wɔde ɔhyew paad afiri bedi dwuma.[7][8]
Mpɛn pii no, wɔ Ghana no, akwan a wɔfa so sa Anidane no tumi yɛnnuru a wɔde ma ne akwan ahorow a nnuru nka ho.[9][10] Ayaresa a wɔtaa de di dwuma ne nnuru a ɛnyɛ steroid a ɛko tia ɔyare mmoawa (NSAIDs) ne nnuru a wɔde siw nyinsɛn ano a wɔde hormone nneɛma yɛ. Nanso, wɔde wɔn ho to tete ayaresa akwan ne nhabannuru nso so kɛse.[11][12]
Nteteeyɛ ne nhumu ɔsatu ahorow ho hia na ama Ghana mmea ate ase na wɔadi Anidane ho dwuma yiye.
Wobetumi nso de Oprehyɛn adi dwuma sɛ ɔhaw ahorow bi a ɛda adi no ma yaw no kɔ soro a.[13] Ayaresa biako a etwa to ne presacral neurectomy.[14]
↑WebAchieve,Dysmenorrhea: Painful Periods(PDF), archived from the original on 2015-06-27, retrieved2024-06-26{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)