- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔAsante kasa mu
Ahinime(
pronounciation of "Ahinime" (help·info)) yɛ bosome a ɛtɔ so du wɔ afe no mu. Ɛyɛ bosome a ɛwɔ nnafua aduasa baako. Saa bosome yi wɔ nnafua aduasa baako te sɛ abosomeƆpɛpɔn,Ɔpɛnimma neƆbɛnem.[1][2] Ahinime bosome no hyɛ Ɛbɔ ne Obubuo abosome no ntam. Ɛbɔ bosome no di Ahinime bosome no anim na Obubuo bosome no di Ahinime bosome no akyi.[3]
Ahinime yɛ edin a Akanfoɔ de ma bosome a ɛtɔ so du wɔ afe no mu.[3] Ahinime bosome yɛ ofupɛ bere. Saa bosome yi yɛ osutu bere a ɛtɔ so mmienu wɔ anafo fam wɔ ɔmanGaana mu.[4][5] Nanso saa bosome yi hyɛ ɔpɛ bere ase wɔ atifi fam wɔ ɔmanGaana mu.[4][5] Ahinime bosome wɔ afahyɛ wɔde, abi ne Ohumkyire, Akwantutenten, Apoo, Fofie Yam ne Gmayem Afahyɛ a ɔman Gaanafoɔ edi.[6]
Nna atitirew anaa nnapɔnna wɔ bosome no mu
[sesa]Ahinime bosome wɔ afahyɛ wɔde, abi ne
- Ohumkyire. Ɛyɛ otwabere nnaaseda afahyɛ a wɔn a wofi Akyem nkurow ne Kibi ne nkuraa nkuraa a ɛbenbɛn di wɔ bosome Ahinime anaa Ɛbɔ mu.[7][8]
- Fofie. Ɛyɛ bayerɛ afahyɛ a Ghanafo a wofi Bono East mantam, ne titirew Techiman, di.[7][6]
- Nmayem anaa Gmayem. Ɛyɛ afahyɛ a wɔn a wofi Dodowa di. Saa afahyɛ yi nso yɛ otwabere nnaaseda afahyɛ.[7][6]
- Akwantutenten afahyɛ a ɔman Gaanafoɔ edi.[6]
Nnwoma ahodoɔ a menyaa mmoa firii mu.
[sesa]- ↑https://online-calculator.org/how-many-months-have-30-days.aspx
- ↑https://whatanswered.com/education/what-months-have-30-days.php
- ↑3.03.1Archive copy, archived fromthe original on 2021-04-23, retrieved2021-04-29
{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link) - ↑4.04.1https://www.tripsavvy.com/ghana-facts-and-information-1454311
- ↑5.05.1https://beautifulghana.com/seasons-in-ghana/
- ↑6.06.16.26.36.4https://www.easytrackghana.com/cultural-overview-ghana-festivals.php
- ↑7.07.17.2https://yen.com.gh/105943-top-10-ghanaian-festivals-dates-their-celebration.html
- ↑https://touringghana.com/festivals/