Ɔgyefuo(pronounciation of "Ɔgyefoɔ"(help·info)) yɛ bosome a ɛtɔ so mmienu wɔ afe mu.[1] Ɛwɔ nna aduonu nwɔtwe nanso ɛduru afe mfenhyia nnan biara a, ɛdane yɛ nnafua aduonu-nkron ma nna dodoɔ a ɛwɔ saa afe no yɛ ahaasa aduosia-nsia. Ɔgyefuo yɛ bosome a ɛda Ɔpɛpɔn ne Ɔbɛnem ntɛm wɔ Akanfoɔ bosome du-mmienu nu mu.[2]
Ɔgyefuo yɛ edin a Akanfoɔ de frɛ bosome a ɛtɔso mmienu wɔ afe mu.[2] Ɔgyefuo yɛ Ɔpɛ berɛ bosome a ɛsi wɔ afe mu.Akanfoɔ afe no gyina biribiara wɔ frɛ noadaduanan so a ɛkyerɛ bosome no ahyiaseɛ ne awieɛ.Akanfoɔ bosome nu yɛ soronko ne 'Gregorian Calendar' bosome no nanso esan awiem nsakraeɛ nti no Ogyefuo gyina hɔ ma February wɔ Brɔfo kasa mu.[3] Ogyefuo yɛ Ɔpɛ berɛ nti ewiem tumi yɛ wesee ɛna awɔ ne ahuhuro nso tumi ba.[4] Wɔ Latin kasa mu no, Ɔgyefuo kyɛre sɛ dwira ho anaa te ho[5].
WɔGaana, bosome bia wɔ da soronko a wɔde kyerɛ biribiara a ɛfa Ɔman no ho. Wɔ Ɔgyefuo bosome mu, nkae nna bi ne: National Chocolate Day anaa Adɔfoɔ da 'valentines day' wɔ Brɔfo kasa mu; ɛyɛ a yɛ de kyerɛ ɔdɔ ɛdi. Saa da yiGaanafoɔ tɔ chocolate ma wɔn adɔfuo, wɔ san nso de karma Cocoa mfasoɔ a ɛde berɛ ɔman nu.[6][7] Saa ɛda yi yɛ ɛda ɛtɔso du-nnan wɔ bosome no mu. Wɔ Ogyefuo bosome no mu na Krobɔfoɔ yɛ Dipo afahyɛ.[8]